Jump to content

Leishmaniasis

Ɛfi Wikipedia
Krataa ye entumi emba ɛsan sɛ beribi atɔ kyema. Sesa wo ahyenso deɛ ana fa kɔ ne tebea dada no mu edwuma yɛ
Wɔakyerɛw nsɛm yi wɔ Akuapem kasa mu
Leishmaniasis
Nsεm a wͻahyehyε ne baabi a wonya nsεm afoforo
ICD/CIM-10B55 B55
ICD/CIM-9085 085
DiseasesDB3266
MedlinePlus001386

Leishmaniasis, a wͻsan kyerεw no leishmaniosisyare a mmoawa bi a wͻte afoforo mu a wͻwͻ abusuakuw leishmania mu a wonya denam dͻte ntuboaso[1] Yare no nam kwan abiεsa so da ne ho adi:honam yare, εhorow ne honam ani, anaa nipaduam leishmaniasis[1] Honam ani de no da adi denam honam kuru ahorow so, bere a εhorow ne honam de da adi denam kuru wͻ honam ani, obi anum, ne ne hwenem, na nipaduam de da adi denam honam kuru ne afei atiridii, mogya a akͻ fam ne berεbo a ayε kεse so.[1][2]

"Leishmania" ahorow bεboro aduonu na wͻde yare yi ma nipa.[1] Nea εta de ba binom yε ohia, aduan pa a wonnya, kwae a wͻsεe no, ne kurow kεse mu tena.[1] Yare abiεsa no nyinaa yε nea wobetumi de afidie ahu.[1] Bio nso, wotumi hu nipaduam de no denam mogya mu a wͻhwehwε so.[2]

Wobetumi asiw Leishmaniasis kwan denam ntama a wͻde aduru ahyε no a wͻdam.[1] Akwan afoforo yε nnuru a wͻde kum ntummoa no ne nipa a woanya a wͻsa wͻn yare ntεm so.[1] Ayaresa a wͻde ma gyina baabi a wonyaa yare no, "Leishmania" ko, ne yare ko.[1] Nnuru a wͻde sa nipaduam yare no bi ne liposomal amphotericin B[3] Nnuru yi nso - nnuru a n'hoͻden bͻ ho anum ne paromomycin,[3] ne miltefosine.[4] Ɛdefa honam ani de ho no, paromomycin, fluconazole, anaa pentamidine betumi ayε adwuma.[5]

Mprempren, nipa bεyε ͻpepem dumien na wͻanya yare yi[6] wͻ aman aduokrͻn awotwe so.[2] Bεyε nipa ͻpepem abien na wonya yare yi foforo[2] ne bεyε aduonu kosi aduonum na wͻhwere wͻn nkwa afe biara.[1][7] Nipa bεyε ͻpepem ahanu wͻ Asia, Afrika, Amεrika Anaafo ne Mfinimfini ne Europa Anaafo na wͻtete mmeae a yare yi abu so.[2][8] Wiase Akwanhosan Ahyehyεde(WHO) anya nteso wͻ nnuru a wͻde sa yare no bo ho.[2] Yare yi betumi anya mmoa afoforo, ebi ne nkraman ne nkura.[1]

Nsεm afoforo

  1. 1.00 1.01 1.02 1.03 1.04 1.05 1.06 1.07 1.08 1.09 1.10 "Leishmaniasis Fact sheet N°375". World Health Organization. January 2014. Retrieved 17 February 2014.
  2. 2.0 2.1 2.2 2.3 2.4 2.5 Barrett, MP; Croft, SL (2012). "Management of trypanosomiasis and leishmaniasis". British medical bulletin. 104: 175–96. doi:10.1093/bmb/lds031. PMC 3530408. PMID 23137768.
  3. 3.0 3.1 Sundar, S; Chakravarty, J (Jan 2013). "Leishmaniasis: an update of current pharmacotherapy". Expert opinion on pharmacotherapy. 14 (1): 53–63. doi:10.1517/14656566.2013.755515. PMID 23256501.
  4. Dorlo, TP; Balasegaram, M; Beijnen, JH; de Vries, PJ (Nov 2012). "Miltefosine: a review of its pharmacology and therapeutic efficacy in the treatment of leishmaniasis". The Journal of antimicrobial chemotherapy. 67 (11): 2576–97. doi:10.1093/jac/dks275. PMID 22833634.
  5. Minodier, P; Parola, P (May 2007). "Cutaneous leishmaniasis treatment". Travel medicine and infectious disease. 5 (3): 150–8. doi:10.1016/j.tmaid.2006.09.004. PMID 17448941.
  6. "Leishmaniasis Magnitude of the problem". World Health Organization. Retrieved 17 February 2014.
  7. Lozano, R (Dec 15, 2012). "Global and regional mortality from 235 causes of death for 20 age groups in 1990 and 2010: a systematic analysis for the Global Burden of Disease Study 2010". Lancet. 380 (9859): 2095–128. doi:10.1016/S0140-6736(12)61728-0. PMID 23245604.
  8. Ejazi, SA; Ali, N (Jan 2013). "Developments in diagnosis and treatment of visceral leishmaniasis during the last decade and future prospects". Expert review of anti-infective therapy. 11 (1): 79–98. doi:10.1586/eri.12.148. PMID 23428104.